Psalms 11

Awurade mu gyidi

1Mewɔ gyidi wɔ Awurade mu sɛ obegye me nkwa.
Ɛnyɛ nsɛnhunu sɛ moka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ mmepɔw so,
2efisɛ, nnebɔneyɛfo no afa wɔn tadua, na wɔde wɔn agyan no akyerɛ atreneefo so sɛ wɔbɛtow awɔ wɔn wɔ sum mu.
3Sɛ nneɛma mu kyekyɛ saa a, onipa pa rentumi nyɛ ho hwee.”
4 Awurade wɔ nʼasɔrefi Kronkron no mu.
Nʼahengua wɔ soro.
Ɔhwɛ nnipa fi baabiara, na onim nea wɔn nyinaa reyɛ.
5Ɔhwehwɛ nnipa pa ne nnebɔneyɛfo nyinaa mu pɛ, na asoɔdenfo de, ofi ne koma nyinaa mu kyi wɔn.
6Ɔma gyabiriw a ɛredɛw, ne sufre a ɛrehyew ba nnebɔneyɛfo so, na ɔde mframa a emu wowɔ twe wɔn aso.
7 Awurade yɛ ɔtreneeni, na ɔdɔ nneyɛe pa enti, wɔn a wɔyɛ ade pa no, behu nʼanim.
Copyright information for TwiNAK